-
Genesis 20:6, 7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Ɛnna nokware Nyankopɔn no ka kyerɛɛ no wɔ dae no mu sɛ: “Minim sɛ wo komam fitaa na woyɛɛ saa, enti na masiw wo kwan na woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no. 7 Afei fa ɔbea no kɔma ne kunu,+ efisɛ ɔbarima no yɛ odiyifo, na ɔbɛsrɛ ama wo+ na woanwu. Na sɛ woamfa no ankɔ a, kae hu sɛ wo ne wo fifo nyinaa, owu na mubewu.”
-
-
Mateo 27:19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 Afei nso, bere a ɔte atemmu agua so no, ne yere soma baa ne nkyɛn sɛ: “Mfa wo ho nnye onipa trenee yi asɛm mu koraa, na ne nti, mahu amane pii wɔ dae mu nnɛ.”
-