22 Ne nyinaa, ade koro yi ara. Ɛno nti na mereka sɛ,
‘Ɔsɛe nea ne ho nni asɛm ne ɔbɔnefo nyinaa fra.’
23 Sɛ nsu yiri bu fa so kum nnipa mpofirim a,
Ɔbɛserew wɔn a wɔn ho nni asɛm no, amanehunu a ato wɔn no nti.
24 Ɔde asaase ahyɛ ɔbɔnefo nsa;+
Ɔkata asaase so atemmufo ani.
Sɛ ɛnyɛ ɔno a, ɛnde ɛyɛ hena?