12 “Me ara na mɛkyekye mo werɛ.+
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wusuro onipa dasani a obewu+
Ne onipa ba a obetwintwam sɛ sare momono?
13 Adɛn nti na wo werɛ afi wo Yɛfo Yehowa,+
Nea ɔtrɛw ɔsoro mu+ na ɔtoo asaase fapem no?
Nea ɔhyɛ wo so no abufuw nti, da biara da na wusuro,
Te sɛ nea ɔrebɛsɛe wo ara ni.
Seesei, ɛhe na nea ɔhyɛ wo so no abufuw wɔ?