Deuteronomium 10:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro* mpo yɛ Yehowa wo Nyankopɔn dea, na asaase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ ne dea.+ Dwom 24:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa dea.+Asaase a ɛma nnɔbae ne wɔn a wɔtete so nyinaa yɛ ne dea. Dwom 50:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Sɛ ɔkɔm de me a, ɛnyɛ wo na mɛka akyerɛ wo,Efisɛ asaase ne emu nneɛma nyinaa yɛ me dea.+ 1 Korintofo 10:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 efisɛ “asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa* dea.”+
14 Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro* mpo yɛ Yehowa wo Nyankopɔn dea, na asaase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ ne dea.+
24 Asaase ne ɛso nneɛma nyinaa yɛ Yehowa dea.+Asaase a ɛma nnɔbae ne wɔn a wɔtete so nyinaa yɛ ne dea.