Dwom 37:23, 24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Sɛ ɔbarima kwan sɔ Yehowa ani a,+Ɔkyerɛ no sɛnea obetutu n’anammɔn.*+ 24 Sɛ ɔhwe ase mpo a, ɔrenka hɔ,+Efisɛ Yehowa beso ne nsa* ama no so.+ Dwom 62:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Ampa ara, ɔno ne me botan ne me nkwagye, me guankɔbea;*+Merenhinhim mmoro so da.+ Dwom 121:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɔremma wo nan nwatiriw* da.+ Nea ɔwɛn wo no, ɔrentɔ nko da.
23 Sɛ ɔbarima kwan sɔ Yehowa ani a,+Ɔkyerɛ no sɛnea obetutu n’anammɔn.*+ 24 Sɛ ɔhwe ase mpo a, ɔrenka hɔ,+Efisɛ Yehowa beso ne nsa* ama no so.+