Dwom 27:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagye. Hena na ɛsɛ sɛ misuro no?+ Yehowa ne abannennen a me nkwa hyɛ ne nsa.+ Hena na ɛsɛ sɛ me ho popo n’anim? Dwom 56:10, 11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Onyankopɔn a miyi n’asɛm ayɛ no,Yehowa a miyi n’asɛm ayɛ no,11 Ɔno ne Onyankopɔn a mede me werɛ ahyɛ ne mu; minsuro.+ Dɛn na onipa dasani betumi ayɛ me?+ Romafo 8:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ɛnde dɛn na yɛbɛka wɔ eyinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?+ Hebrifo 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɛma yenya akokoduru ka sɛ: “Yehowa* ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”+
27 Yehowa ne me hann+ ne me nkwagye. Hena na ɛsɛ sɛ misuro no?+ Yehowa ne abannennen a me nkwa hyɛ ne nsa.+ Hena na ɛsɛ sɛ me ho popo n’anim?
10 Onyankopɔn a miyi n’asɛm ayɛ no,Yehowa a miyi n’asɛm ayɛ no,11 Ɔno ne Onyankopɔn a mede me werɛ ahyɛ ne mu; minsuro.+ Dɛn na onipa dasani betumi ayɛ me?+