Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Genesis 4:9, 10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Akyiri yi, Yehowa bisaa Kain sɛ: “Wo nua Habel wɔ he?” Ɛnna obuae sɛ: “Minnim. Adɛn, me na mehwɛ me nua no so anaa?” 10 Ɛnna Onyankopɔn kae sɛ: “Dɛn na woayɛ yi? Tie! Wo nua no mogya fi asaase so reteɛm frɛ me.+

  • Genesis 9:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Afei nso, abɔde a ɛte ase biara a ɔbɛka mo mogya a ɛyɛ mo nkwa* agu no, mɛma wabu ho akontaa. Sɛ onipa ka ne yɔnko mogya gu a, mɛma wabu ho akontaa, efisɛ ɔyɛ ne nua.+

  • Deuteronomium 32:43
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 43 Amanaman, mo ne ne man ani nnye,+

      Obetua n’atamfo so ka,+

      Obebisa ne nkoa mogya afi wɔn nsam,+

      Na ɔbɛpata ama ne nkurɔfo asaase.”*

  • 2 Ahene 9:24
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 24 Ɛnna Yehu twee agyan tow wɔɔ Yehoram akyi ma ekopuee ne komam, na otwa hwee ne teaseɛnam no mu.

  • 2 Ahene 9:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 ‘“Ampa, nnɛra mihuu Nabot mogya+ ne ne mma mogya,” Yehowa asɛm ni, “asaase yi ara so na metua wo ka,”+ Yehowa asɛm ni.’ Enti ma no so tow no kyene asaase no so sɛnea Yehowa kae no.”+

  • 2 Ahene 24:3, 4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Ɛyɛ Yehowa asɛm a ɔkae no na ampa ara ɛbaa mu wɔ Yuda so. Ɔkae sɛ ɔbɛtow wɔn afi n’anim akyene+ esiane bɔne a Manase yɛe nyinaa+ 4 ne mogya a edi bem a ohwie gui nti,+ efisɛ ɔde mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma. Ɛno nti Yehowa ampɛ sɛ ɔde bɔne no bɛkyɛ.+

  • Luka 11:49-51
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 49 Eyi nti na Onyankopɔn nyansa nso kae sɛ: ‘Mɛsoma adiyifo ne asomafo akɔ wɔn nkyɛn, na wobekum wɔn mu binom, na wɔatan ebinom ani. 50 Ɛno nti, adiyifo mogya a wɔahwie agu fi bere a wɔhyɛɛ wiase ase* no nyinaa, wobebisa afi awo ntoatoaso yi+ hɔ, 51 efi Habel mogya+ so kosi Sakaria a wokum no afɔremuka ne asɔrefi no ntam+ no mogya so.’ Yiw, mereka akyerɛ mo sɛ wobebisa afi awo ntoatoaso yi hɔ.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena