2 Samuel 8:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Bere a Dawid kokunkum Edomfo 18,000 wɔ Nkyene Bon no mu+ bae no, ɛma ogyee din. 1 Beresosɛm 18:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Dawid dii Soba+ hene Hadadeser+ so nkonim wɔ beae a ɛbɛn Hamat.+ Saa bere no, na Hadadeser rekɔtrɛw ne tumi mu akɔ Asubɔnten Eufrate no ho.+
3 Dawid dii Soba+ hene Hadadeser+ so nkonim wɔ beae a ɛbɛn Hamat.+ Saa bere no, na Hadadeser rekɔtrɛw ne tumi mu akɔ Asubɔnten Eufrate no ho.+