-
Yosua 13:29-31Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
29 Afei Mose de Manase abusuakuw fã no agyapade maa wɔn; ɔde maa Manase abusuakuw fã no sɛnea wɔn mmusua te.+ 30 Wɔn hye fi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, kyerɛ sɛ, Basan hene Og ahemman nyinaa, ne Yair+ ntamadan nkurow a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkurow no yɛ 60. 31 Na Gilead fã, ne Astarot ne Edrei+ nkurow a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kodii Manase ba Makir mma+ nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛnea wɔn mmusua te.
-