Dwom 40:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 O Yehowa, mfa wo mmɔborɔhunu nkame me. Ma wo dɔ a enni huammɔ ne wo nokwaredi mmɔ me ho ban daa.+ Dwom 143:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Wo dɔ a enni huammɔ nti, ma m’atamfo ase nhyew;+Sɛe wɔn a wɔtan m’ani* nyinaa,+Efisɛ meyɛ w’akoa.+ Mmebusɛm 20:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 Ɔdɔ a enni huammɔ ne nokware bɔ ɔhene ho ban;+Ɔdɔ a enni huammɔ na ɛma n’ahengua tim.+
12 Wo dɔ a enni huammɔ nti, ma m’atamfo ase nhyew;+Sɛe wɔn a wɔtan m’ani* nyinaa,+Efisɛ meyɛ w’akoa.+