Mateo 27:34 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 34 wɔde ade nwenweenwene bi fraa nsã* sɛ ɔnnom;+ nanso bere a ɔde kaa n’ano no, wannom. Marko 15:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ɛha na wɔyɛe sɛ wɔbɛma no nsã* a wɔde kurobow* afra,+ nanso wannom.