-
Nehemia 9:24, 25Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
24 Enti wɔn mma bɛfaa asaase no,+ na Kaananfo a wɔte asaase no so no, woma wodii wɔn so;+ wɔn ahemfo ne asaase no sofo nyinaa, wode wɔn hyɛɛ wɔn nsa ma wɔyɛɛ wɔn sɛnea wɔpɛ. 25 Wodii nkurow a wɔabɔ ho ban+ ne asaase pa*+ so, na wonyaa afi a nneɛma pa nyinaa ahyɛ mu ma, mmura a wɔatu, bobe mfuw ne ngodua mfuw+ ne nnua pii a ɛsow aba. Enti wodidi mee, wɔyeyɛɛ akɛse, wɔn ho tɔɔ wɔn, na wo papayɛ bebrebe nti, wonyaa asetena pa.
-