12 Enti ɔsoma kɔfrɛɛ no bae. Ná ɔbere, na na n’aniwa mma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ.+ Ɛnna Yehowa kae sɛ: “Sɔre sra no, na ɔno ara ni!”+ 13 Enti Samuel faa abɛn a ngo wom no,+ na ɔsraa no wɔ ne nuanom mu. Na efi saa da no rekɔ no, Yehowa honhom baa Dawid so.+ Akyiri yi, Samuel sɔre siim kɔɔ Rama.+