-
2 Ahene 24:12, 13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Yuda hene Yehoiakin fii adi kɔɔ Babilon hene nkyɛn,+ ɔne ne maame, n’asomfo, n’adehye, ne n’ahemfi mpanyimfo,+ na Babilon hene ahenni afe a ɛto so awotwe mu no, Babilon hene no kyeree no de no kɔe.+ 13 Afei ɔfaa Yehowa fi akorade ne ɔhene fi* akorade nyinaa kɔe,+ na otwitwaa sika anwenne a Israel hene Solomon yɛe wɔ Yehowa asɔredan mu+ no nyinaa mu asinasin. Sɛnea Yehowa hyɛɛ nkɔm no, saa ara na ɛbae.
-