16 Afei Otwa Afahyɛ* no, munni wɔ bere a mode twa mo afuw mu nneɛma a edi kan no mu.+ Anoboaboa Afahyɛ* no nso, munni wɔ afe no awiei, bere a moboaboa mo nnɔbae a etwa to ano fi afuw mu no.+
10 “Afei nso, bere a moregye mo ani,+ te sɛ bere a morehyɛ fã,+ anaa bere a morefi bosome foforo ase no, monhyɛn ntorobɛnto no ngu mo hyew afɔre+ ne mo asomdwoe afɔre+ no so. Ɛbɛma wɔakae mo wɔ mo Nyankopɔn anim. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.”+