6 Hwɛ, megyina w’anim wɔ Horeb botan so. Fa poma no bɔ ɔbotan no, na nsu befi mu aba ama ɔman no anom.”+ Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanyimfo no anim. 7 Na ɔfrɛɛ hɔ Masa+ ne Meriba,+ efisɛ ɛhɔ na Israelfo no ne Mose hamee, na ɛhɔ na wɔsɔɔ Yehowa hwɛe.+ Wobisae sɛ: “Yehowa wɔ yɛn mu anaa onni yɛn mu?”