-
Exodus 1:8-10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Akyiri yi, ɔhene foforo bedii ade wɔ Egypt. Ɔno de, na onnim Yosef. 9 Enti ɔka kyerɛɛ ne manfo sɛ: “Hwɛ! Israelfo no dɔɔso na wɔn ho yɛ den sen yɛn.+ 10 Momma yɛmpɛ nyansakwan bi mfa wɔn mfa so. Anyɛ saa a, wɔn ase bɛtrɛw na wɔayɛ pii, na sɛ ɔko ba a, wɔbɛkɔ akɔka yɛn atamfo ho ne yɛn ako na wɔafi ɔman yi mu akɔ.”
-