2 Enti ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ao, Yehowa, ɛnyɛ asɛm a mewɔ m’asaase so no mekae no ara na ɛda hɔ yi? Ɛno nti na miguanee sɛ merekɔ Tarsis no,+ efisɛ minim sɛ woyɛ Onyankopɔn a wowɔ ayamhyehye ne mmɔborɔhunu, wo bo mfuw ntɛm, wo dɔ a enni huammɔ nni ano,+ na ɛhaw wo sɛ wobɛma amanehunu aba.