34 Nanso Basilai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: “Me nkwa nna a aka yɛ ahe na me ne ɔhene akɔ Yerusalem? 35 Seesei madi mfe 80.+ Metumi ahu nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne? W’akoa bɛte nea midi ne nea menom dɛ? Anaa mɛte mmarima ne mmea nnwontofo nne bio?+ Adɛn nti na ɛsɛ sɛ w’akoa kɔyɛ adesoa ma me wura ɔhene?