-
1 Korintofo 8:5, 6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Ɛwom, ɔsoro oo, asaase so oo, wɔn a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ,+ sɛnea “anyame” pii ne “awuranom” pii wɔ hɔ no. 6 Nanso yɛn de, Onyankopɔn baako+ na yɛwɔ. Ɔno ne Agya no.+ Ne mu na nneɛma nyinaa fi, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no.+ Na Awurade baako na ɔwɔ hɔ. Ɔno ne Yesu Kristo. Ɛnam no so na nneɛma nyinaa wɔ hɔ,+ na ɛnam no so na yɛn nso yɛwɔ hɔ.
-