28 Ɛnna Nebukadnesar kae sɛ: “Ayeyi nka Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn+ a wasoma ne bɔfo ama wabegye ne nkoa no. Wɔde wɔn ho too no so, na wɔantie ɔhene asɛm. Ná wɔayɛ krado sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛkotow anaa wɔbɛsom onyame bi aka wɔn ankasa Nyankopɔn no ho.+