-
Exodus 9:23-26Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
23 Enti Mose de ne poma no kyerɛɛ soro, na Yehowa maa aprannaa ne asukɔtweaa ne ogya* pae guu asaase no so, na Yehowa kɔɔ so maa asukɔtweaa no tɔ guu Egypt asaase so. 24 Bere a asukɔtweaa retɔ no, na ogya nso repa yerɛwyerɛw. Ná ano yɛ den paa; efi bere a Egypt bɛyɛɛ ɔman no, na ɛso bi mmaa asaase no so da.+ 25 Asukɔtweaa no pae guu Egypt asaase nyinaa so. Ɛpae guu biribiara a ɛwɔ wuram so, efi nnipa so kosi mmoa so. Ɛsɛee afifide nyinaa, na ebubuu wuram nnua nyinaa.+ 26 Gosen asaase a na Israelfo wɔ so no nkutoo na asukɔtweaa no antɔ wɔ hɔ.+
-