13 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Munnsuro.+ Munnyina pintinn na monhwɛ sɛnea nnɛ Yehowa begye mo nkwa.+ Na Egyptfo a muhu wɔn nnɛ yi, morenhu wɔn bio da.+
28 Enti Farao nteaseɛnam, ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafodɔm a wotiw Israelfo kɔɔ ɛpo no mu nyinaa, nsu no bɛkataa wɔn so.+ Wɔn mu baako mpo anka.+