-
Numeri 16:5-7Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
5 Afei ɔka kyerɛɛ Kora ne n’akyitaafo no nyinaa sɛ: “Ɔkyena anɔpa Yehowa bɛkyerɛ nea ɔyɛ ne dea,+ ne nea ɔyɛ kronkron, ne nea ɛsɛ sɛ ɔba n’anim,+ na nea obeyi no no,+ ɔno na ɔbɛba n’anim. 6 Nea monyɛ ni: Kora, wo ne w’akyitaafo nyinaa,+ momfa kankyee a wɔde ogya gu mu,+ 7 na momfa ogya ngu mu, na momfa aduhuam ngu so, na momfa mmra Yehowa anim ɔkyena, na nea Yehowa beyi no no,+ ɔno na ɔyɛ kronkron. Afei de, aboro so, Lewi mma!”+
-