Exodus 34:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yehowa betwaam wɔ n’anim kae sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehye,*+ nea ne bo mfuw ntɛm,+ nea ne dɔ a enni huammɔ+ nni ano, na ne nokwaredi+ dɔɔso. Deuteronomium 32:36 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 36 Yehowa bebu ne nkurɔfo atɛn+Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ,*+Efisɛ obehu sɛ wɔn ahoɔden asa,Na nnipahunu a wɔmfa wɔn nyɛ hwee nkutoo na wɔaka. Yesaia 63:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Mɛka Yehowa dɔ a enni huammɔ akyerɛ,Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyi no.Mɛka akyerɛ, esiane nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fi,Sɛnea ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a enni huammɔ te no. Kwadwom 3:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Wama yɛadi awerɛhow de, nanso obehu yɛn mmɔbɔ esiane ne dɔ bebrebe a enni huammɔ no nti.+ Yoel 2:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Munsuan mo koma mu,+ na ɛnyɛ mo ntaade.+Monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn,Efisɛ ɔwɔ ayamhyehye* ne mmɔborɔhunu, ne bo mfuw ntɛm,+ ne dɔ a enni huammɔ nni ano,+Na ɔsɛe a ɔde reba no, obegyae ma aka.*
6 Yehowa betwaam wɔ n’anim kae sɛ: “Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ mmɔborɔhunu+ ne ayamhyehye,*+ nea ne bo mfuw ntɛm,+ nea ne dɔ a enni huammɔ+ nni ano, na ne nokwaredi+ dɔɔso.
36 Yehowa bebu ne nkurɔfo atɛn+Na ne nkoa asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ,*+Efisɛ obehu sɛ wɔn ahoɔden asa,Na nnipahunu a wɔmfa wɔn nyɛ hwee nkutoo na wɔaka.
7 Mɛka Yehowa dɔ a enni huammɔ akyerɛ,Nneɛma a Yehowa ayɛ a ɛfata ayeyi no.Mɛka akyerɛ, esiane nea Yehowa ayɛ ama yɛn no nyinaa nti,+Nneɛma pa bebree a wayɛ ama Israel fi,Sɛnea ne mmɔborɔhunu ne ne dɔ bebrebe a enni huammɔ te no.
13 Munsuan mo koma mu,+ na ɛnyɛ mo ntaade.+Monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn,Efisɛ ɔwɔ ayamhyehye* ne mmɔborɔhunu, ne bo mfuw ntɛm,+ ne dɔ a enni huammɔ nni ano,+Na ɔsɛe a ɔde reba no, obegyae ma aka.*