9 Hena na ɔde me bɛkɔ kurow a wɔatwa ho ahyia no mu?
Hena na obedi m’anim akodu Edom?+
10 O Onyankopɔn, ɛnyɛ wo na woatow yɛn akyene?
Ɛnyɛ wone yɛn Nyankopɔn a wo ne yɛn asraafo nkɔ ɔko bio no?+
11 Gye yɛn fi ahohia mu,
Efisɛ nkwagye a efi onipa hɔ de, mfaso nni so.+
12 Onyankopɔn hɔ na yebenya ahoɔden,+
Na ɔno na obetiatia yɛn atamfo so.+