43 Obisaa wɔn sɛ: “Ɛnde adɛn nti na honhom no maa Dawid+ frɛɛ no Owura? Dawid kae sɛ, 44 ‘Yehowa* ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo begu wo nan ase.”’+
3 Ɔyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛso,+ na ɔda ne nipaban adi pɛpɛɛpɛ,+ na ɔnam n’asɛm a tumi wom no so ma nneɛma nyinaa kɔ so tena hɔ. Bere a odwiraa yɛn ho fii yɛn bɔne ho+ wiei no, ɔkɔtenaa Otumfo no nsa nifa so wɔ soro.+
12 Nanso saa ɔbarima yi de, ɔbɔɔ bɔne ho afɔre baako pɛ, na n’afɔrebɔ no ntwam da. Ɛno akyi no, ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa.+13 Efi saa bere no, ɔretwɛn akosi sɛ wɔde n’atamfo bɛyɛ ne nan ntiaso.+