7 Bere a Simei redome no no, nea ɔkae ne sɛ: “Fi hɔ kɔ, fi hɔ kɔ, ɔbarima wudifo! Onipahunu a ɔte sɛ wo! 8 Yehowa ama Saul a wubesii n’ananmu dii hene no fi mogya nyinaa abegu wo ti so, na Yehowa agye ahenni no de ahyɛ wo ba Absalom nsa. Woyɛ ɔbarima wudifo nti na seesei mmusu aba wo so no!”+