Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 4:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 6 Monhwɛ nni so+ efisɛ ɛno bɛma aman a wɔbɛte ahyɛde yi nyinaa ho asɛm no ahu sɛ mowɔ nyansa+ ne ntease,+ na wɔbɛka sɛ, ‘Ɔman kɛse yi wɔ nyansa ne ntease+ ampa.’

  • Yosua 1:7, 8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+ 8 Mma Mmara nhoma yi mmfi w’anom,+ na mmom kenkan na dwinnwen ho* awia ne anadwo na woadi nea wɔakyerɛw wom nyinaa so pɛpɛɛpɛ.+ Woyɛ saa a, ebesi wo yiye na woayɛ w’ade nyansam.+

  • 1 Ahene 2:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Yɛ eyi fa di w’asɛde so wɔ Yehowa wo Nyankopɔn anim: Nantew n’akwan so na di n’ahyɛde, ne mmara nsɛm, n’atemmusɛm, ne ne nkaesɛm so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara no mu no,+ sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara a wobɛyɛ ne baabiara a wobɛkɔ no, ebesi wo yiye.*

  • Dwom 119:100
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 100 Sɛnea meyɛ m’ade no kyerɛ sɛ mewɔ ntease kyɛn mpanyimfo,

      Efisɛ midi w’ahyɛde so.

  • 2 Timoteo 3:14, 15
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Na wo de, nea woasua na woagye adi sɛ ɛyɛ nokware no, kɔ so fa yɛ adwuma,+ efisɛ wunim wɔn a wusua fii wɔn nkyɛn, 15 na wo mmofraase+ na wusuaa nkyerɛwee kronkron no,+ na ɛno na ebetumi ama woahu nyansa afa Kristo Yesu mu gyidi so akɔ nkwagye mu.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena