Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 15:7, 8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 7 “Sɛ wudu asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so na ehia wo nua bi wɔ wo kurom a, mmɔ wo nua hiani no atirimɔden, na mma wo nsam nnyɛ den wɔ no so.+ 8 Bue wo nsam ma no+ na fa nea ohia biara fɛm no.

  • Dwom 41:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 41 Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ;+

      Edu ahohia da a Yehowa begye no.

  • Mmebusɛm 19:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Nea ɔdom mmɔborɔwa no, ɔde bɔ Yehowa bosea,*+

      Na nea wayɛ no, Ɔbɛhyɛ no ananmu.*+

  • Luka 6:34, 35
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 34 Afei nso, sɛ mode bosea* rema nkurɔfo, na mode ma wɔn a mohwɛ a wɔbɛsan atua ama mo a, mfaso bɛn na mubenya?+ Abɔnefo mpo ma abɔnefo bosea sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ papa. Na sɛ mode bosea rema nkurɔfo a, mommfa mo ani nnto so sɛ mo nsa bɛsan aka.+ Moyɛ saa a, mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma, efisɛ ɔda ayamye adi kyerɛ bonniayɛfo ne abɔnefo.+

  • Asomafo Nnwuma 20:35
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 35 Biribiara mu, mede me nneyɛe ama moahu sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ adwumaden+ de boa wɔn a wɔyɛ mmerɛw no. Na ɛsɛ sɛ mokae asɛm a Awurade Yesu ankasa kae yi: ‘Ɔma mu wɔ anigye pii+ sen ogye.’”

  • Hebrifo 13:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Bio nso, mommma mo werɛ mmfi sɛ mobɛyɛ papa na mo ne nkurɔfo akyɛ nneɛma a mowɔ,+ efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani yiye.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena