16 nsu a ɛtene fi atifi no nyinaa begyinaa faako. Ɛkɔɔ soro te sɛ ɔfasu wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kurow bi a ɛbɛn Saretan. Ɛnna nea ɛtene kɔ Araba Po a ɛno ara ne Nkyene Po no mu no nso twae. Etwae koraa maa ɔman no faa baabi a ɛne Yeriko di nhwɛanim no twae.