Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 135:15-18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika kɔkɔɔ,

      Onipa nsa ano adwuma.+

      16 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+

      Wɔwɔ aniwa, nanso wonhu ade;

      17 Wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm.

      Wɔwɔ hwene nanso wɔnhome.+

      18 Nnipa a wɔyɛ saa ahoni no, wɔbɛyɛ sɛ ahoni no ara,+

      Na obiara a ɔde ne ho to ahoni no so no, ɔno nso bɛyɛ sɛ ahoni no ara.+

  • Yesaia 40:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Odwumfo de dade a wɔanan yɛ ohoni,*

      Ɔtomfo de sika kɔkɔɔ fa ho,+

      Na ɔyɛ dwetɛ kɔnmuade* toto wɔn kɔn mu.

  • Yesaia 46:6
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  6 Ebinom hwie sika kɔkɔɔ fi wɔn kotoku mu;

      Wɔde nsenia* kari dwetɛ.

      Wɔbɔ ɔtomfo paa, na ɔde yɛ onyame.+

      Afei wɔbɔ wɔn mu ase, yiw, wɔsom no.*+

  • Yeremia 10:3, 4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  3 Efisɛ amanaman no amanne yɛ adehunu.*

      Ɛyɛ dua kɛkɛ a wɔatwa afi kwae mu,

      Odwumfo nsa ano adwuma a ɔde ne dade* ayɛ.+

       4 Wɔde dwetɛ ne sika kɔkɔɔ yɛ no fɛfɛɛfɛ,+

      Na wɔde nnadewa ne hamma* bobom sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremmunum ntɔ fam.+

  • Yeremia 10:8, 9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  8 Wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo.+

      Akwankyerɛ a efi dua hɔ yɛ adehunu.*+

       9 Wɔkra dwetɛ ntraantraa fi Tarsis,+ na wɔkra sika kɔkɔɔ fi Ufas;

      Ɛyɛ odwumfo ne ɔtomfo nsa ano adwuma.

      Ntama bruu ne ntama afasebiri na efurafura wɔn.

      Ne nyinaa yɛ adwumfo nsa ano adwuma.

  • Asomafo Nnwuma 19:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 Seesei moahu na moate sɛ, ɛnyɛ Efeso+ nko ara na saa Paul yi adan nnipadɔm pii adwene ama wɔanya adwene foforo. Mmom ɛreyɛ ayɛ sɛ, Asia mantam nyinaa mu nso, wayɛ saa ara. Na ɔka sɛ anyame a wɔde nsa ayɛ no nyɛ anyame.+

  • 1 Korintofo 10:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Ɛnde dɛn na merepɛ akyerɛ? Mereka sɛ nea wɔde bɔ afɔre ma ɔbosom no yɛ biribi, anaasɛ ɔbosom yɛ biribi anaa?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena