8 Ɛnna Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ.+ Enti mesrɛ wo, ma memfa peaw nwɔ no baako pɛ nsi fam, meremfa nwɔ no mprenu.” 9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: “Nyɛ no bɔne. Hena na obetumi de ne nsa aka nea Yehowa asra no+ afa ne ho adi?”+