Dwom 46:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Asafo Yehowa ka yɛn ho;+Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea.* (Sela) Romafo 8:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ɛnde dɛn na yɛbɛka wɔ eyinom ho? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na obetumi ne yɛn adi asi?+ Hebrifo 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɛma yenya akokoduru ka sɛ: “Yehowa* ne me boafo; merensuro. Dɛn na onipa betumi ayɛ me?”+