-
1 Samuel 23:26-28Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
26 Eduu baabi no, na Saul wɔ bepɔw no fã ha, ɛnna Dawid ne ne mmarima no nso wɔ bepɔw no fã noho. Ná Dawid reguan+ Saul, nanso na Saul ne ne mmarima no rebɛn Dawid ne ne mmarima no, na na wɔrepɛ wɔn akyere wɔn.+ 27 Nanso obi baa Saul nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛ ntɛm bra, na Filistifo abɛtow ahyɛ asaase no so!” 28 Ɛnna Saul gyaee Dawid akyi di,+ na ɔne Filistifo no kɔkoe. Ɛno nti na wɔtoo hɔ din Ntetewmu Botan no.
-
-
2 Samuel 17:21, 22Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
21 Bere a mmarima no fi hɔ kɔe no, wofii abura no mu, na wosiim kɔbɔɔ Ɔhene Dawid amanneɛ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Monsɔre, na monyɛ ntɛm nkotwa nsu no, na afotu a Ahitofel de ama wɔn ni.”+ 22 Ɛhɔ ara na Dawid ne nnipa a wɔka ne ho nyinaa sɔree, na wokotwaa Yordan no. Ade kyee no, na wɔn nyinaa atwa Yordan no; wɔn mu baako mpo anka.
-