15 Ɔfasu no, wɔto wiei Elul* da a ɛto so 25. Egyee nnafua 52.
16 Bere a yɛn atamfo nyinaa tee na aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa hui no, wɔn ani wui paa,*+ na wohui sɛ yɛn Nyankopɔn na aboa yɛn ma yɛatumi awie adwuma yi.
13 Bere a Haman kaa nea ato no nyinaa kyerɛɛ ne yere Seres+ ne ne nnamfo nyinaa no, n’anyansafo ne ne yere Seres ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ Mordekai a woafi ase redi nkogu wɔ n’anim yi yɛ Yudani* a, ɛnde worentumi nni no so nkonim; nea ɛbɛyɛ biara wubedi nkogu wɔ n’anim.”
3 Saa da no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbo a emu yɛ duru* ama aman nyinaa. Na wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepira paa,+ na asaase so aman nyinaa bɛboaboa wɔn ano aba no so.”+