Dwom 2:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔbɛka sɛ: “Me na masi me hene+Wɔ Sion,+ me bepɔw kronkron no so.” Dwom 72:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Obedi nnipa so* fi po so akɔ po so,Na wadi ade afi Asubɔnten no* ano akosi asaase ano.+ Yesaia 9:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Efisɛ wɔawo akokoaa ama yɛn,+Wɔama yɛn ɔbabarima;Na ahenni* no bɛda n’abati so.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfo,+ Daa Agya, Asomdwoe Hene. Adiyisɛm 11:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no.+ Na nne akɛse gyigyee soro sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo+ no Ahenni,+ na obedi hene daa daa.”+
6 Efisɛ wɔawo akokoaa ama yɛn,+Wɔama yɛn ɔbabarima;Na ahenni* no bɛda n’abati so.+ Edin a wɔde bɛfrɛ no ne Ɔfotufo Nwonwafo,+ Onyame Tumfo,+ Daa Agya, Asomdwoe Hene.
15 Ɔbɔfo a ɔto so ason no hyɛn ne torobɛnto no.+ Na nne akɛse gyigyee soro sɛ: “Wiase ahenni ayɛ yɛn Awurade ne ne Kristo+ no Ahenni,+ na obedi hene daa daa.”+