-
Exodus 8:6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Ɛnna Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Egypt nsu so, na mpɔtorɔ no bɛkataa Egypt asaase nyinaa so.
-
-
Exodus 9:10Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Enti wɔkɔsaw fononoo mu nsõ, na wobegyinaa Farao anim. Afei Mose tow petee wim na ɛdan mpɔmpɔ bɔne bobɔɔ nnipa ne mmoa nyinaa.
-
-
Exodus 10:12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa wɔ Egypt asaase so na ntutummɛ mmra Egypt asaase so, na asaase no so afifide nyinaa, nea asukɔtweaa no ansɛe no biara, wɔmmɛwe.”
-
-
Exodus 10:21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
21 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Teɛ wo nsa kyerɛ soro na esum mmra Egypt asaase so, esum kabii a woso mu a ɛbɛyɛ yiye.”
-