-
Exodus 14:27, 28Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 Ɛhɔ ara na Mose teɛɛ ne nsa wɔ ɛpo no so, na ade rekye no, nsu no san baa baabi a na ɛwɔ. Afei Egyptfo no yɛe sɛ wɔreguan, nanso Yehowa kaa wɔn guu ɛpo no mfinimfini.+ 28 Enti Farao nteaseɛnam, ne nkurɔfo a wɔtete apɔnkɔ so, ne n’asraafodɔm a wotiw Israelfo kɔɔ ɛpo no mu nyinaa, nsu no bɛkataa wɔn so.+ Wɔn mu baako mpo anka.+
-