Dwom 33:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa;+Nnipa a wapaw wɔn sɛ n’agyapade.+ Dwom 37:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Efisɛ wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ,+Na wɔn a wɔtwɛn Yehowa no, wɔn na asaase no bɛyɛ wɔn dea.+ Dwom 37:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Hwɛ onipa a asɛm biara nni ne ho,*Na hwɛ nea ɔteɛ;+Saa onipa no awiei bɛyɛ asomdwoe.+ Dwom 146:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Anigye ne onipa a ne boafo ne Yakob Nyankopɔn,+Na n’anidaso ne Yehowa, ne Nyankopɔn,+