Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Exodus 19:5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 5 Enti sɛ mutie me wɔ biribiara mu na mudi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ m’agyapade titiriw* wɔ aman nyinaa mu,+ efisɛ asaase nyinaa yɛ me dea.+

  • Exodus 31:16, 17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Ɛsɛ sɛ Israelfo di Homeda no; wobedi Homeda no wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu; ɛyɛ daa apam. 17 Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne Israelfo ntam daa,+ efisɛ Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne asaase, na da a ɛto so ason no, ɔhomee na odwudwoo ne ho.’”+

  • Deuteronomium 4:8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 8 Na ɔman kɛse bɛn na wɔwɔ ahyɛde ne atemmusɛm a ɛteɛ te sɛ Mmara a mede rema mo nnɛ yi?+

  • 1 Beresosɛm 17:21
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Na ɔman bɛn bio na ɛwɔ asaase so a ɛte sɛ wo man Israel?+ Nokware Nyankopɔn, wo na wugyee wɔn de wɔn yɛɛ wo man.+ Woyɛɛ anwonwade akɛse a ɛyɛ hu de gyee din;+ wopam amanaman fii wo man a wugyee wɔn fii Egypt no anim.+

  • Romafo 3:1, 2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Ɛnde, sɛ obi yɛ Yudani a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? Anaa mfaso bɛn na ɛwɔ twetiatwa* so? 2 Ɛso mfaso dɔɔso. Nea edi kan no, Yudafo na wɔde Onyankopɔn nsɛm kronkron no hyɛɛ wɔn nsa.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena