Mmebusɛm 4:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Ɔkyerɛkyerɛɛ me, na ɔkae sɛ: “Fa wo koma so me nsɛm mu den.+ Di me mmara nsɛm so na nyin kyɛ.+ Mmebusɛm 6:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Efisɛ mmara nsɛm no yɛ kanea,+Na mmara no yɛ hann,+Na nteɛso a animka de ba no yɛ nkwa kwan.+ Mateo 6:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 “Nipadua kanea ne aniwa.+ Enti sɛ w’aniwa hwɛ tẽẽ* a, wo nipadua nyinaa bɛhyerɛn.*