44 Mufi mo agya Ɔbonsam hɔ, na mopɛ sɛ moyɛ mo agya+ no apɛde. Ɔno na ɔyɛ owudifo fi mfiase,+ na wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi ɔno ara ne suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.+
8 Nanso ahufo ne wɔn a wonni gyidi + ne wɔn a wɔn ho ntew a wɔyɛ atantanne ne awudifo+ ne aguamammɔfo*+ ne wɔn a wodi ahonhonsɛm ne abosonsomfo ne atorofo+ nyinaa de, wɔbɛtow wɔn agu* ɔtare a ogya ne sɔfe* dɛw wom+ no mu. Eyi ne owuprenu+ no.”