15 Na ɔkae sɛ: “Yuda ne Yerusalemfo nyinaa ne Ɔhene Yehosafat, monyɛ aso! Nea Yehowa reka akyerɛ mo ni, ‘Munnsuro, na mommmɔ hu ɛdɔm kɛse yi nti; efisɛ ɔko no nyɛ mo ko, na ɛyɛ Onyankopɔn dea.+
7 “Munnya akokoduru na momma mo ho nyɛ den. Munnsuro, na mommmɔ hu esiane Asiria hene+ ne ne dɔm a wɔka ne ho no nti, efisɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka ne ho.+