2 Ahene 20:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ me man kannifo Hesekia sɛ, ‘Nea Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka ni: “Mate wo mpaebɔ no. Mahu wo nisu,+ na mɛsa wo yare.+ Da a ɛto so abiɛsa no, wobɛforo akɔ Yehowa fi.+ Dwom 6:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Hu me mmɔbɔ, O Yehowa, na mayɛ mmerɛw. O Yehowa, sa me yare,+ na me nnompe rewosow. Dwom 103:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɔde wo mfomso nyinaa kyɛ wo,+Na wo nyarewa nyinaa, otu ase.+
5 “San w’akyi na kɔka kyerɛ me man kannifo Hesekia sɛ, ‘Nea Yehowa, wo nana Dawid Nyankopɔn aka ni: “Mate wo mpaebɔ no. Mahu wo nisu,+ na mɛsa wo yare.+ Da a ɛto so abiɛsa no, wobɛforo akɔ Yehowa fi.+