Dwom 30:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Sɛ mekɔ amoa* mu a, mfaso bɛn na ɛwɔ me wu* so?+ Dɔte betumi ayi wo ayɛ?+ Ebetumi aka wo nokwaredi akyerɛ nkurɔfo anaa?+ Dwom 115:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Awufo ntumi nyi Yah ayɛ;+Wɔn a wɔwɔ ɔdamoa mu* nso saa ara.+ Ɔsɛnkafo 9:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Na ateasefo nim sɛ wobewuwu,+ na awufo de, wonnim biribiara,+ na wonni akatua biara bio, efisɛ nnipa nkae wɔn bio.+ Ɔsɛnkafo 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ adwuma ne nhyehyɛe ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Ɔdamoa* mu+ a worekɔ no.
9 Sɛ mekɔ amoa* mu a, mfaso bɛn na ɛwɔ me wu* so?+ Dɔte betumi ayi wo ayɛ?+ Ebetumi aka wo nokwaredi akyerɛ nkurɔfo anaa?+
5 Na ateasefo nim sɛ wobewuwu,+ na awufo de, wonnim biribiara,+ na wonni akatua biara bio, efisɛ nnipa nkae wɔn bio.+
10 Biribiara a wo nsa bɛka sɛ wobɛyɛ no, fa w’ahoɔden nyinaa yɛ, efisɛ adwuma ne nhyehyɛe ne nimdeɛ ne nyansa biara nni Ɔdamoa* mu+ a worekɔ no.