2 Ahene 6:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɛnna Elisa bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani na onhu nea ɛrekɔ so.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfo no ani; ɔnkɔhwɛ a, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔw no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia+ yi. Dwom 91:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfo+Ma wɔawɛn wo w’akwan nyinaa mu.+ Mateo 18:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu baako animtiaa, na mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn abɔfo a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.+ Hebrifo 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Bio nso, ɔka abɔfo no ho asɛm sɛ: “Ɔsoma n’abɔfo sɛ ahonhom, na ɔsoma n’asomfo+ sɛ ogyaframa.”+ Hebrifo 1:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔyɛ adwuma kronkron,*+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wobenya nkwagye no. Ɛnte saa?
17 Ɛnna Elisa bɔɔ mpae sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani na onhu nea ɛrekɔ so.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfo no ani; ɔnkɔhwɛ a, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔw no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia+ yi.
10 Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu baako animtiaa, na mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn abɔfo a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.+
14 Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔyɛ adwuma kronkron,*+ a wɔsoma wɔn ma wɔkɔsom wɔn a wobenya nkwagye no. Ɛnte saa?