-
Deuteronomium 6:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 “Eyi ne mmara nsɛm, ahyɛde, ne atemmusɛm a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ memfa nkyerɛkyerɛ mo, na sɛ mutwa kɔ asaase a morekɔfa no so a, moadi so. 2 Ɛbɛma moasuro Yehowa mo Nyankopɔn na mo ne mo mma ne mo mmanana adi n’ahyɛde ne ne mmara a merekyerɛkyerɛ mo yi nyinaa so+ mo nkwa nna nyinaa, na moanyin akyɛ.+
-
-
Deuteronomium 30:19, 20Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
19 Ɛnnɛ mede nkwa ne owu, ne nhyira ne nnome asi w’anim,+ na ɔsoro ne asaase ne m’adansefo; fa nkwa na wo ne w’asefo+ anya nkwa.+ 20 Enti dɔ Yehowa wo Nyankopɔn+ na tie n’asɛm na bata ne ho,+ efisɛ ɔno na ɔma wo nkwa. Na asaase a Yehowa kaa ntam sɛ ɔde bɛma w’agyanom Abraham, Isak, ne Yakob+ no nso, ɔno na ɔbɛma woatena so akyɛ.”
-
-
1 Petro 3:10-12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Na “nea ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ n’ani gye wɔ asetenam* no, ma ɔnhwɛ ne tɛkrɛma yiye na anka asɛmmɔne,+ na ɔnhwɛ n’ano yiye na anka nnaadaasɛm. 11 Ma ɔntwe ne ho mfi bɔne ho+ na ɔnyɛ papa;+ ɔnhwehwɛ asomdwoe na onni akyi.+ 12 Yehowa* ani wɔ atreneefo so, na wayɛ aso ama wɔn nkotosrɛ;+ wɔn a wɔyɛ bɔne no de, Yehowa* ani sa wɔn.”+
-