-
1 Ahene 1:16-21Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Ɛnna Bat-Seba bɔɔ ne mu ase kotow ɔhene anim, na ɔhene bisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” 17 Ɔno nso kae sɛ: “Me wura, wo na wokaa w’afenaa ntam wɔ Yehowa, wo Nyankopɔn din mu sɛ, ‘Wo ba Solomon na obedi m’ade ayɛ ɔhene, na ɔno na ɔbɛtena m’ahengua so.’+ 18 Nanso hwɛ sɛ Adoniya abɛyɛ ɔhene bere a me wura ɔhene nnim ho hwee!+ 19 Ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ srade ne nguan pii abɔ afɔre, na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne ɔsahene Yoab,+ nanso w’akoa Solomon de, wamfrɛ no.+ 20 Me wura ɔhene, wo na Israel nyinaa ani da wo so sɛ wobɛkyerɛ wɔn nea obedi me wura ɔhene ade na watena n’ahengua so. 21 Anyɛ saa a, sɛ me wura ɔhene ne n’agyanom kɔda pɛ, wobebu me ne me ba Solomon sɛ yɛyɛ atuatewfo.”*
-