Deuteronomium 12:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Monhwɛ nni asɛm biara a maka akyerɛ mo so.+ Mommfa bi nnka ho, na munnyi bi nso mmfi mu.+ Yosua 1:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+
7 “Nea ehia ara ne sɛ wubenya akokoduru na woama wo ho ayɛ den paa, na woahwɛ adi Mmara a m’akoa Mose de maa wo no nyinaa so pɛpɛɛpɛ. Mman mfi ho nkɔ nifa anaa benkum;+ ɛno bɛma woayɛ w’ade nyansam baabi a wobɛkɔ biara.+